PURE AKAN Ma Twen Abre cover image

Paroles de Ma Twen Abre

...

Paroles de Ma Twen Abre Par PURE AKAN


Wei nyɛ ɔdɔ ho ndwom

Wei yɛ ɔdɔ ndowm

Ɔdɔ awaamu

Ɔdɔ mu yɛkyerɛ

Ah Ah Ah

Nti ɛyɛ ɔdɔ ho asɛm ɔdɔ asɛm yi a

Na moka dia monka

Nti ɛyɛ ɔdɔ ho asɛm ɔdɔ ho asɛm dia

Mesrɛ mo a sɛ obi re kɔ a

Ɔnka nkyerɛ Nana o

Kyerɛ no sɛ ma twɛn a twɛn a twɛn abrɛ o

Meserɛ mo a sɛ obi rekɔ a

Ɔnka nkeyerɛ Nana o

Kyerɛ no sɛ ma twɛn a twɛn a twɛn abrɛ o

Ah

Ɔdɔ a mewɔ ma wo no daso a gu toa mu

Mabua so akyɛ amano yi nhwa

Na npanpan a ɛba a meteɛ no sɛ

Nkro dɔso a yɛkɔ yɛngye anim guaseɛ

Ma tenase adwene ɛna ɛhu a matu

Wo akɔnhoma fia wode agu mekɔn mu

Ama ɔbra akwantua yi mebrɛ me homee te

Ama ɔdɔ yi die abɛyɛ den

Wo na wo hyɛ bɔ bebrebe wo kase wodeɛ wo wo nte sɛ ɔmɔ

Wo na wokasɛ nsroma bɛ pue baabia yɛbɛ pue abinkyi ena de daadi

Yɛbisa sɛ mamen a daabi

Onipa nso wo amen daabi

Woma no ɔdɔ na ogye a ɔndi

Me hwɛ a ɛnhwɛ nso ayi nani

Ma me nhu hwee

Sɛ obi re ko a

Ɔnka nkyerɛ Nana o

Kyerɛ no sɛ ma twɛn a twɛn a twɛn abrɛ o

Meserɛ mo a sɛ obi reko a

Ɔnka nkeyerɛ Nana o

Kyerɛ no sɛ ma twɛn a twɛn a twɛn abrɛ o

Ah

Yɛse asetena bɔnee sɛe mpumtuo a

Saa asɛm yi a yaka yi sɛɛ ɛyɛ ampa

Asɛm a mere ka yi sɛ wote ɔdɔ ase a

Yi wokoma to nkyɛn tie mame nka

Ɔdɔ bɛn na moka me nte da yi

Ogwan hwɛfo deɛ no anaa se me me wura

Ɔdɔ deɛ me nim yɛ yɛ yɛ nya dia

Na abɔ ano kufuu na ɛde adeɛ aba

Ebi mo se ɛyɛ adwuma yɛna yanbisa

Adwuma kwraa sɛ yɛgye akatua

Anaa ɔdɔ na ɛyɛ ɔdɔ ne sɛ yadi bi nɛ

Ɛdi bi ahyɛ ama akyere mma

Anya agyapadeɛ anyɛ saa dea

Odaamanii nabisa deɛ asɛm keseɛ ɛyɛ a mete

Ɛdwom a ɛyɛ a moto

Ɔdɔ nni mu ɛnboa abusua

Ɛnboa Agya ɛndɔ ɛna ɛnim brɛ ne fakyɛ

Sika ba mu a enim kyɛ enim dɛ

Ɔdɔ wei ɛnyɛ ebi na mepɛ

Mepɛ no yie ɛnyɛ ne fɛ ɛne ne dɛ

Ɛdwom wei ɛyɛ ɔdɔ mu yɛkyerɛ

Woate aseɛ

Ɔdɔ awaamu

Ecouter

A Propos de "Ma Twen Abre"

Album : (Single)
Année de Sortie : 2024
Copyright : (C) 2024 All Rights Reserved
Ajouté par : Farida
Published : Sep 14 , 2024

Plus de Lyrics de PURE AKAN

PURE AKAN
PURE AKAN
PURE AKAN

Commentaires ( 0 )

Aucun commentaire pour l'instant



A propos de AfrikaLyrics

Afrika Lyrics est la plus large collection de paroles de chansons et de traductions d’Afrique. Afrika Lyrics fournit les paroles des musiques de plus de 30 pays africains et des traductions de lyrics de plus de 10 langues africaines en français et en anglais.

Suivre Afrika Lyrics

© 2024, We Tell Africa Group Sarl